(Spoken: intro)
Afei, mayɛ m’adwene sɛ mɛsom Awurade!
Ɛnyɛ sɛ biribiara bɛyɛ mmerɛw nti,
na mmom, sɛ ɔhaw ba a, mɛgyina pintinn.
Sɛ atamfo sɔre tia me a, merenmbɔ hu.
Sɛ mefa ogya mu mpo a, Awurade ne me bɛnante.
Sɛ osu tɔ, na sɛ ahokyere ba,
me gyidi renhinhim.
Because I have decided—
I will serve the Lord!
No turning back!
Mɛsom Awurade!
(Verse 1)
Mayɛ m’adwene sɛ mɛsom Awurade,
Biribiara rentumi nsi me kwan.
Amanehunu betumi aba me so,
Nanso me koma renntu da.
Mede me ho bɛto Wo so,
Wɔ da bɔne mu mpo.
Sɛ atanfo nyinaa twa me ho hyia a,
Awurade, Wo nko ara mɛsu afrɛ wo
(Pre)
Sɛ sum ba a, Woyɛ me hann,
Sɛ meyɛ mmerɛw a, Wone me ahoɔden.
Merennsuro, merensan m’akyi,
Efisɛ, obiara nni hɔ a, ɔte Sɛ Wo?
(Chorus)
Mɛsom Awurade,
Ɔno na ɔfata me ndwom.
Sɛ atamfo sɔre tia me,
Na akodi twa me ho hyia mpo a,
Ma koma renntu koraa,
Megyidie bɛgyina pintinn.
Mɛsom Awurade,
Yiw, mɛsom Awurade.
(Verse 2)
Akodi betumi asɔre atia me,
Na sum atwa me ho ahyia.
Nanso m’ani bɛda Wo so,
Efisɛ Woyɛ me botantim.
Sɛ menam ogya mu mpo a,
Wɔka me ho, merensan m’akyi da.
Ade biara a ɛbɛba me so no
M’ asomdwoeɛ bɛtena hɔ daa.
(Pre)
Sɛ sum ba a, Woyɛ me hann,
Sɛ meyɛ mmerɛw a, Wone me ahoɔden.
Merennsuro, merensan m’akyi,
Efisɛ, obiara nni hɔ a, ɔte Sɛ Wo?
(Chorus)
Mɛsom Awurade,
Ɔno na ɔfata me ndwom.
Sɛ atamfo sɔre tia me,
Na akodi twa me ho hyia mpo a,
Ma koma renntu koraa,
Megyidie bɛgyina pintinn.
Mɛsom Awurade,
Yiw, mɛsom Awurade.
Verse 3
Sɛ makwan mu yɛ den,
Mɛkɔ so ara, merensan m’akyi.
Sɛ m’ahotosoɔ sa mpo a,
Mɛkura Wo bɔhyɛ no mu pintinn.
Efisɛ Woadi nkonim dada
Wo tumi bɛbɔ me ho ban da.
m’awerɛhyɛm ne Wo,
Me nkwa nda nyinaa mɛsom wo
(Chorus)
I Will worship the Lord
He is wealthy of my song
Thou enemies arise
And battles surround
My heart will not fear
My faith will be strong
I Will worship the Lord
Yes l will worship the Lord
(Bridge)
Medeɛ,i m’anigye wɔ ɔhaw mu,
Mɛma me nsa so wɔ osu mu.
Mɛkamfo Wo wɔ ahwerɛhoɔ mu,
Mɛhyira Wo din kronkron no.
Sɛ me kra yɛ mmerɛw mpo a,
Mɛhwɛ Yesu, mɛnya ahoɔden.
Sɛ kwan no yɛ basabasaa mpo a,
Merenensan—Mɛtoa so akɔ.
I will worship You in the fire,
I will worship You in the rain.
Through the sorrow, through the pain,
Your name will still be on my lips.
( Vamp)
Mɛsom Wo, Awurade
Wɔ anigye mu, mɛsom Wo.
Mɛsom Wo, Awurade
Wɔ amanehunu mu, mɛsom Wo.
Mɛsom Wo, Awurade
Akwan nyinara mu,
Mɛsom Wo, Awurade
Efisɛ Wo na Woyɛ me Nyankopɔn.
( Vamp)
Mɛsom Wo, Awurade
Wɔ anigye mu, mɛsom Wo.
Mɛsom Wo, Awurade
Wɔ amanehunu mu, mɛsom Wo.
Mɛsom Wo, Awurade
Akwan nyinara mu,
Mɛsom Wo, Awurade
Efisɛ Wo na Woyɛ me Nyankopɔn.
(Chorus)
Mɛsom Awurade,
Ɔno na ɔfata me ndwom.
Sɛ atamfo sɔre tia me,
Na akodi twa me ho hyia mpo a,
Ma koma renntu koraa,
Megyidie bɛgyina pintinn.
Mɛsom Awurade,
Yiw, mɛsom Awurade.
Outro
Sɛ ɔhaw ba a, mɛsom Wo.
Sɛ anigye ba a, mɛsom Wo.
Sɛ osu tɔ a, mɛsom Wo.
Sɛ owia pue a, mɛsom Wo.
M’awerɛhyɛ ne Wo,
M’ahotoso ne Wo.
Me nkwa nyinaa mu,
Mɛsom Awurade.