( Spoken Intro)
Hwan na ɔte sɛ Yesu Kristo?
Hwan na ɔte sɛ Ɔno?
Ɔte ahengua kronkron no so,
ɔsoro ne asase nyinaa yɛ ne dea.
Ateasefoɔ nnan no kotow wɔ N’anim,
mpanyimfoɔ aduonu nnan no nso sɔre no,
na wɔde wɔn abotiri gwu N’anan ase ka sɛ:
“Wo na Wofata, Yesu… Wo na Wofata!”
(Nkyekyɛmu 1)
Hwan na ɔte sɛ Yesu Kristo?
Hwan na ɔwɔ tumi te sɛ Ɔno?
Ɔte ahengua kronkron no so,
N’ahenni nni awieeɛ.
Ateasefoɔ nnan no kotow no,
Wɔshyɛ No anuonyam daa,
Mpanimfoɔ aduonu nnan no nso,
Wɔkotow wɔ W’anim daa nyinaa.
Ateasefoɔ nnan no kotow no,
Wɔshyɛ No anuonyam daa,
Mpanimfoɔ aduonu nnan no nso,
Wɔkotow wɔ W’anim daa nyinaa.
(Chorus)
Hwan na ɔte sɛ Yesu?
Hwan na ɔte sɛ Wo?
Obi nni hɔ, obi nni hɔ bio,
Obiara nni hɔ a ɔte sɛ Wo.
Wo na Wofata, Wo na Wofata,
Yɛn Agyenkwa Yesu, Wofata.
Anɔpa, awia, ne anadwo,
Yɛbɛkamfo Wo daa.
(Nkyekyɛmu 2)
Anɔpa a owia apue no,
Yɛbɛyi Wo ayɛ na yakamfo wo
Yesu Kristo woyɛ kokuroko
Yɛbɛshyɛ Wo anuonyam.
Wɔ aberɛ a yɛte nkwa mu yi,
Yɛbɛka sɛ Woyɛ kronkron.
Fi daa kɔsi daa,
Yɛbɛto dwom ama Wo.
Wɔ aberɛ a yɛte nkwa mu yi,
Yɛbɛka sɛ Woyɛ kronkron.
Fi daa kɔsi daa,
Yɛbɛto dwom ama Wo.
(Chorus)
Hwan na ɔte sɛ Yesu?
Hwan na ɔte sɛ Wo?
Obi nni hɔ, obi nni hɔ bio,
Obiara nni hɔ a ɔte sɛ Wo.
Wo na Wofata, Wo na Wofata,
Yɛn Agyenkwa Yesu, Wofata.
Anɔpa, awia, ne anadwo,
Yɛbɛkamfo Wo daa.
(Nkyekyɛmu 3)
W’aniwa shyerɛn sɛ ogya,
W’animuonyam yɛ kɛse.
Kronkron , Kronkron, Kronkron,
Ne wo Asafo Yehowa.
Wokyee yɛn fii bɔne mu,
Wode mogya no atɔ yɛn.
Enti yɛde yɛn nkwa nyinaa,
Bɛbɔ afɔdeyɛ ama Wo, Yesu.
Wokyee yɛn fii bɔne mu,
Wode mogya no atɔ yɛn.
Enti yɛde yɛn nkwa nyinaa,
Bɛbɔ afɔdeyɛ ama Wo, Yesu.
(Chorus)
Hwan na ɔte sɛ Yesu?
Hwan na ɔte sɛ Wo?
Obi nni hɔ, obi nni hɔ bio,
Obiara nni hɔ a ɔte sɛ Wo.
Wo na Wofata, Wo na Wofata,
Yɛn Agyenkwa Yesu, Wofata.
Anɔpa, awia, ne anadwo,
Yɛbɛkamfo Wo daa.
Bridge
Kronkron, Kronkron, Kronkron,
Awurade woyɛ Kronkron!
Kronkron, Kronkron, Kronkron,
Yesu wo yɛ Kronkron!
Wofata ayɛyi,
Wofata anuonyam,
Wofata animuonyam,
Wofata sɛ yɛ nkamfo wo.
Bridge
Kronkron, Kronkron, Kronkron,
Awurade woyɛ Kronkron!
Kronkron, Kronkron, Kronkron,
Yesu wo yɛ Kronkron!
Wofata ayɛyi,
Wofata anuonyam,
Wofata animuonyam,
Wofata sɛ yɛ nkamfo wo.
(REPEAT Break )
Ateasefoɔ nnan no reka sɛ,
“Wo yɛ Kronkron!”
Mpanimfoɔ aduonu nnan no ka sɛ,
“Wo nko ara na Wofata!”
Yɛn nso yɛka sɛ,
“Wo yɛ yɛn Agyenkwa!”
Yesu Kristo, yɛ ma mmoh!
Yɛn akoma nyinaa yɛ Wo dea.
(Chorus)
Hwan na ɔte sɛ Yesu?
Hwan na ɔte sɛ Wo?
Obi nni hɔ, obi nni hɔ bio,
Obiara nni hɔ a ɔte sɛ Wo.
Wo na Wofata, Wo na Wofata,
Yɛn Agyenkwa Yesu, Wofata.
Anɔpa, awia, ne anadwo,
Yɛbɛkamfo Wo daa.
(Chorus)
Hwan na ɔte sɛ Yesu?
Hwan na ɔte sɛ Wo?
Obi nni hɔ, obi nni hɔ bio,
Obiara nni hɔ a ɔte sɛ Wo.
Wo na Wofata, Wo na Wofata,
Yɛn Agyenkwa Yesu, Wofata.
Anɔpa, awia, ne anadwo,
Yɛbɛkamfo Wo daa.
(Outro)
Anɔpa yɛbɛkamfo Wo,
Awia yɛbɛkamfo Wo,
Anadwo yɛbɛkamfo Wo.
Fi daa kɔsi daa,
Yɛbɛto ayɛyi ndwom ama Wo.
Yesu, Wo na Wofata.
Yesu,Wo na Woyɛ Kronkron.