(SPOKEN )
Wɔ Kalvario asɛnnua no so,
Wɔbɔɔ Yesu asɛmfua mu.wɔbuu No animtiaa.
Wɔde nnadewa bɔɔ Ne nsa ne Ne nan.
Nanso, wɔ amanehunu no mu,
Wannome wɔn.
Na w anntɔ so werɛ.
Na ɛmom ,Ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ:
Agya, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn,
Na wɔnnim deɛ wɔreyɛ.”
O, dɔ a ɛboro nteaseɛ so!
O, mmɔborɔhunu a ɛnni awieeɛ!
Yesu, wo dɔ no ayɛ me nwanwa!
(VERSE 1 )
Wɔbɔɔ Wo mmaa , Woyɛɛ komm,
Wɔbuu Wo animtiaa.
Wɔde nnadewa bɔɔ Wo nsam,
Wɔde nkasɛɛ chyɛ shyɛɛ Wo ti.
Wɔmaa Wo hunuu amaneɛ pii
Wɔmaa Wo tee yea ne awerɛhoɔ.
Nanso Wokae wɔn wɔ mpaebɔ mu,
“Agya, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn.”
Wɔmaa Wo hunuu amaneɛ pii
Wɔmaa Wo tee yea ne awerɛhoɔ.
Nanso Wokae wɔn wɔ mpaebɔ mu,
“Agya, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn.
(PRE)
Wɔ amanehunu mu, Wodɔɔ wɔn,
Wɔ Wo yea mu, Wobɔɔ mpaeɛ.
Ɔdɔ a ɛte saa, hwan na ɔwɔ bi?
Yesu, Wo dɔ no yɛ nwanwa!
(CHORUS )
Agya, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn,
Na wɔnnim deɛ wɔreyɛ.
Agya, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn,
Sɛnea Yesu bɔɔ mpaeɛ no.
O Yesu, Wo dɔ no yɛ nwanwa,
Wo mmɔborɔhunu nni awieeɛ.
Wɔ asɛnnua no so, Wokae yɛn,
Yesu, yɛda Wo ase!
(VERSE 2)
Wɔde bɔne ne animguaseɛ too woso,
Nanso Wode ɔdɔ bua wɔn.
Wɔde abufuo baa W'anim,
Nanso Wobɔɔ mpaebɔ maa wɔn.
Wokuraa wɔn wɔ Wo koma mu,
Ɛmfa ho sɛ wɔyɛɛ Wo ayayadeɛ.
Wo mogya no kaa asɛm kyerɛɛ yɛn,
Sɛ Wo dɔ no nni awieeɛ.
Wokuraa wɔn wɔ Wo koma mu,
Ɛmfa ho sɛ wɔyɛɛ Wo ayayadeɛ.
Wo mogya no kaa asɛm kyerɛɛ yɛn,
Sɛ Wo dɔ no nni awieeɛ.
(PRE)
Wɔ amanehunu mu, Wodɔɔ wɔn,
Wɔ Wo yea mu, Wobɔɔ mpaeɛ.
Ɔdɔ a ɛte saa, hwan na ɔwɔ bi?
Yesu, Wo dɔ no yɛ nwanwa!
(CHORUS)
Agya, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn,
Na wɔnnim deɛ wɔreyɛ.
Agya, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn,
Sɛnea Yesu bɔɔ mpaeɛ no.
O Yesu, Wo dɔ no yɛ nwanwa,
Wo mmɔborɔhunu nni awieeɛ.
Wɔ asɛnnua no so, Wokae yɛn,
Yesu, yɛda Wo ase!
(VERSE 3)
Yesu, mepɛ sɛ meyɛ sɛ wo
Na mammfa bɔne antua bɔne so ka.
Sɛ obi yɛ me bɔne bi a,
Ma mennya ahummɔborɔ
Yi abufu shew no fi me mu,
Yi ɔtan nyinaa fi me mu.
Ma Wo dɔ nshyɛ me koma ma,
Na me ntumi mfa afoforɔ bɔne nchɛ wɔn
Yi abufu shew no fi me mu,
Yi ɔtan nyinaa fi me mu.
Ma Wo dɔ nshyɛ me koma ma,
Na me ntumi mfa afoforɔ bɔne nchɛ wɔn
(BRIDGE )
Sɛnea Wo de chyɛɛ me no,
Me nso mede bɛchyɛ afoforɔ.
Sɛnea Wodɔɔ me no,
Me nso mɛdɔ afoforɔ.
Mɛgyae aweretɔ,
Mɛgyae ɔtan.
Mɛfa Wo dɔ so,
Mɛnantew Wo kwan mu.
Yesu, boa me!
Yesu, sesa me!
Ma Wo koma no,
Ntena me mu daa!
(VAmp)
Agya, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn…
Na wɔnnim deɛ wɔreyɛ…
Yesu, fa me bɔne kyɛ me…
Wo mmɔborɔhunu nti…
Meda Wo ase, Yesu,
Meda Wo ase, me Gyefoɔ.
Wɔ asɛnnua no so
Wokae me wɔ mpaebɔ mu.
Wo dɔ no yɛ nwanwa…
Wo dɔ no yɛ nwanwa…
( CHORUS )
Agya, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn,
Na wɔnnim deɛ wɔreyɛ.
Agya, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn,
Sɛnea Yesu bɔɔ mpaeɛ no.
O Yesu, Wo dɔ no yɛ nwanwa,
Wo mmɔborɔhunu nni awieeɛ.
Wɔ asɛnnua no so, Wokae yɛn,
Yesu, yɛda Wo ase!
(OUTRO )
Yesu, ma me koma nyɛ foforɔ,
Ma Wo dɔ ntena me mu.
Sɛnea Wode bɔne kyɛɛ me no,
Me nso mede bɛchyɛ afoforɔ.
Agya, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn…
Na wɔnnim deɛ wɔreyɛ…
Yesu, meda Wo ase,
Wɔ asɛnnua no so,
Wodaa Wo dɔ adi kyerɛɛ yɛn.