(Spoken Intro)
Oduyɛfoɔ no ne Yesu,
Ɔno na ɔyɛɛ adeɛ nyinaa.
Ɔde ne dɔ agye yɛn,
Ɔde ne mogya atua yɛn ka nyinaa
Yesu, wo nko ara ne yɛn Gyefoɔ,
Wo nko ara ne Awurade!
Mede m'akoma nyina ma wo
(Verse 1)
Oduyɛfoɔ kɛse no ne Yesu
Ɔno na wafrɛ me baa ne nkyɛn.
Mahoɔden nyinaa firi no,
Sɛ anka ɛnnyɛ naadom a,
Ɛnneɛ anka masɛye koraa
Ɔde ne tumi bɔ meho bann.
Ɛnnɛ mete ase yi,
Ɛyɛ Yesu na wayɛ ama me.
(Verse 1)
Oduyɛfoɔ kɛse no ne Yesu
Ɔno na wafrɛ me baa ne nkyɛn.
Mahoɔden nyinaa firi no,
Sɛ anka ɛnnyɛ naadom a,
Ɛnneɛ anka masɛye koraa
Ɔde ne tumi bɔ meho bann.
Ɛnnɛ mete ase yi,
Ɛyɛ Yesu na wayɛ ama me.
(Pre)
M’ani da wo so, Yesu,
Me koma da wo so.
Nea woka biara yɛ nokware,
Mɛdi wo akyi daa.
(Chorus)
Oduyɛfoɔ kɛseɛ no ne Yesu,
Oduyɛfoɔ kɛseɛ no ne Yesu.
Ɔtumi ade nyinaa yɛ
Ɔno ne me Nyankopɔn.
Oduyɛfoɔ kɛseɛ no ne Yesu,
Ɔno nko ara!
Me koma nyinaa yɛ ne dea,
Mɛsom wo daa, Yesu.
Verse 2
Nsɔhwɛ mu Yesu ka me ho,
Merensuro, ɔbɛgye me.
Sɛ asetena mu yɛ den a,
Yesu na obedi m’anim
Wɔ Akwan nyinaa mu,
Wo na woyɛ me kanea
Wo nkyɛn na ahotɔ wɔ,
Wo nkyɛn na asomdwoe wɔ.
Verse 2
Nsɔhwɛ mu Yesu ka me ho,
Merensuro, ɔbɛgye me.
Sɛ asetena mu yɛ den a,
Yesu na obedi m’anim
Wɔ Akwan nyinaa mu,
Wo na woyɛ me kanea
Wo nkyɛn na ahotɔ wɔ,
Wo nkyɛn na asomdwoe wɔ.
(Pre)
M’ani da wo so, Yesu,
Me koma da wo so.
W'asɛm yɛ nokware,
Mɛdi wo akyi daa.
(Chorus)
Oduyɛfoɔ kɛseɛ no ne Yesu,
Oduyɛfoɔ kɛseɛ no ne Yesu.
Ɔtumi ade nyinaa yɛ
Ɔno ne me Nyankopɔn.
Oduyɛfoɔ kɛseɛ no ne Yesu,
Ɔno nko ara!
Me koma nyinaa yɛ ne dea,
Mɛsom wo daa, Yesu.
(Bridge)
Wo na wogyee me,
Wo na woma me nkwa.
Wo na wode me baa hann mu,
Wo na wode me sii me nan so.
Enti mɛkamfo wo,
Mɛma wo din so.
Me nkwa nyinaa yɛ wo dea,
Yesu, mede ma wo.
(Bridge)
Wo na wogyee me,
Wo na woma me daa nkwa.
Wo na wode me baa hann mu,
Wo na wode me asi bea a ɛkrɔn.
Enti mɛkamfo wo,
Mɛma wo din so.
Me nkwa nyinaa yɛ wo dea,
Yesu, mede ma wo.
( Vamp)
Yesu, me dɔ wo!
Yesu, mɛkamfo wo!
Yesu, mɛma wo so!
Wo nko ara ne me Gyefoɔ!
Oduyɛfoɔ kɛseɛ no ne Yesu!
Oduyɛfoɔ kɛseɛ no ne Yesu!
Ɔno na ɔbɔɔ yɛn,
Ɔno na ogyee yɛn!
Oduyɛfoɔ kɛseɛ no ne Yesu!
( Vamp)
Yesu, yɛdɔ wo!
Yesu, yɛkamfo wo!
Yesu, yɛma wo so!
Wo nko ara ne yɛn Gyefoɔ!
Oduyɛfoɔ kɛseɛ no ne Yesu!
Oduyɛfoɔ kɛseɛ no ne Yesu!
Ɔno na ɔbɔɔ yɛn,
Ɔno na ogyee yɛn!
Oduyɛfoɔ kɛseɛ no ne Yesu!
(Pre)
M’ani da wo so, Yesu,
Me koma da wo so.
W'asɛm yɛ nokware,
Mɛdi wo akyi daa.
(Chorus)
Oduyɛfoɔ kɛseɛ no ne Yesu,
Oduyɛfoɔ kɛseɛ no ne Yesu.
Ɔtumi ade nyinaa yɛ
Ɔno ne me Nyankopɔn.
Oduyɛfoɔ kɛseɛ no ne Yesu,
Ɔno nko ara!
Me koma nyinaa yɛ ne dea,
Mɛsom wo daa, Yesu.
(Chorus)
Oduyɛfoɔ kɛseɛ no ne Yesu,
Oduyɛfoɔ kɛseɛ no ne Yesu.
Ɔtumi ade nyinaa yɛ
Ɔno ne me Nyankopɔn.
Oduyɛfoɔ kɛseɛ no ne Yesu,
Ɔno nko ara!
Me koma nyinaa yɛ ne dea,
Mɛsom wo daa, Yesu.
Outro
Yesu, wo nko ara...
Wo nko ara ne me Gyefoɔ.
Wo nko ara ne me Awurade.
Oduyɛfoɔ kɛseɛ no ne Yesu...
Mɛsom wo daa..
Mɛkamfo wo daa.
Yesu, wo nko ara.